The Shattering · al-Infitar · سورة الانفطار · 19 ayahs

بِسْمِ اللَّهِ الرَّحْمَٰنِ الرَّحِيمِ

Onyankopͻn din mu, Ahummͻborͻ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene,

إِذَا السَّمَاءُ انْفَطَرَتْ

Sε ͻsoro mu sunsuan,

وَإِذَا الْكَوَاكِبُ انْتَثَرَتْ

Na sε Nsoromma tete hwe na ɛtu pete a,

وَإِذَا الْبِحَارُ فُجِّرَتْ

Na sε ͻpo yiri na ɛbu fa so a,

وَإِذَا الْقُبُورُ بُعْثِرَتْ

Na sε Adakamena so buebue a,

عَلِمَتْ نَفْسٌ مَا قَدَّمَتْ وَأَخَّرَتْ

Ɛna ͻkra biara bɛhunu deε (ͻyε de too) n’anim ne deε εkaa akyire.

يَا أَيُّهَا الْإِنْسَانُ مَا غَرَّكَ بِرَبِّكَ الْكَرِيمِ

Onipa, εdeεn adeε paa na adaadaa wo wͻ wo Wura Adom Hene no ho?

الَّذِي خَلَقَكَ فَسَوَّاكَ فَعَدَلَكَ

(Wo Wura) no a Ɔbͻͻ wo, nwenee wo siesiee wo, totoo wo pεpεεpε-

فِي أَيِّ صُورَةٍ مَا شَاءَ رَكَّبَكَ

De wo too mfonini biara a Ɔpε mu.

كَلَّا بَلْ تُكَذِّبُونَ بِالدِّينِ

Aane, nanso monnye Atemmuo no nni.

وَإِنَّ عَلَيْكُمْ لَحَافِظِينَ

Nokorε sε, (Soro abͻfoͻ) Awεnfoͻ ka mo ho.

كِرَامًا كَاتِبِينَ

Atwerεfoͻ Animuonyamfoͻ no,

يَعْلَمُونَ مَا تَفْعَلُونَ

Wͻnim deε moreyε (nyinaa).

إِنَّ الْأَبْرَارَ لَفِي نَعِيمٍ

Nokorε sε, apapafoͻ no bεwͻ anigyeε mu,

وَإِنَّ الْفُجَّارَ لَفِي جَحِيمٍ

Nokorε nso sε, abͻneεfoͻ no bεkͻ Amanehunu gya no mu.

يَصْلَوْنَهَا يَوْمَ الدِّينِ

Wͻbεkͻ mu wͻ Akatua da no,

وَمَا هُمْ عَنْهَا بِغَائِبِينَ

Na wͻmmfiri mu.

وَمَا أَدْرَاكَ مَا يَوْمُ الدِّينِ

Ԑdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Akatua da no si teε?

ثُمَّ مَا أَدْرَاكَ مَا يَوْمُ الدِّينِ

Bio, εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Akatua da no si teε?

يَوْمَ لَا تَمْلِكُ نَفْسٌ لِنَفْسٍ شَيْئًا ۖ وَالْأَمْرُ يَوْمَئِذٍ لِلَّهِ

Ɛyε Da a, ͻkra bi nni tumi a ͻde bεboa ͻkra bi wͻ biribi ho; na saa Da no tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn.